Exodus 34:29 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Mose de twerɛ apono no fi Onyankopɔn nkyɛn resiane bepɔ no, na ɔnnim sɛ nʼanim rehyerɛn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Mose firi Sinai bepɔ so resiane no, na adanseɛ apono mmienu no kura ne nsam; na ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, na Mose nnim sɛ ɔne AWURADE kasaeɛ nti, n’anim wedeɛ ahyerɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Mose firi Sinai bepɔ so resiane no, na adanseɛ apono mmienu no kura ne nsam; na ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, na Mose nnim sɛ ɔne AWURADE kasaeɛ nti, n’anim wedeɛ ahyerɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Mose fi Sinai bepɔw so resian no, na adanse apon abien no kura ne nsam; nanso na Mose onnim sɛ ɔne AWURADE kasae nti, n'anim were ahyerɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Mose de kyerɛw apon no fi Onyankopɔn nkyɛn resian bepɔw no, na onnim sɛ nʼanim rehyerɛn.