Exodus 34:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkaa sɛ, “Sɛ ɛyɛ nokorɛ pa ara sɛ woagye me atom deɛ a, Ao Awurade, wo ne yɛnkɔ bɔhyɛ asase no so. Saa nnipa yi yɛ asoɔden deɛ, nanso fa yɛn bɔne kyɛ yɛn na gye yɛn sɛ wo ara wo nnipa.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔkaa sɛ: AWURADE, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, ma AWURADE ntena yɛn mu ne yɛn nkɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene; na fa yɛn amumuyɛ ne yɛn bɔne kyɛ yɛn, na fa yɛn yɛ wo deɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔkaa sɛ: AWURADE, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, ma AWURADE ntena yɛn mu ne yɛn nkɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene; na fa yɛn amumuyɛ ne yɛn bɔne kyɛ yɛn, na fa yɛn yɛ wo deɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔkae sɛ: AWURADE, sɛ manya w'anim dom a, mesrɛ wo, ma AWURADE ntena yɛn mu ne yɛn nkɔ, efisɛ wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asen; na fa yɛn amumɔyɛ ne yɛn bɔne firi yɛn, na fa yɛn yɛ wo de.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkae se, “Sɛ ɛyɛ nokware pa ara sɛ woagye me ato mu de a, Awurade, wo ne yɛnkɔ bɔhyɛ asase no so. Saa nnipa yi aso yɛ den de, nanso fa yɛn bɔne kyɛ yɛn na gye yɛn sɛ wo ara wo nnipa.”