Exodus 36:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ ɛdi ɛkan, Ahyiaeɛ Ntomadan no sie no, adenwonofoɔ pa ara no de asaawa a wɔafira yɛɛ nsɛnanotam edu a emu bi yɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn a wɔyɛ adwuma no animdefoɔ nyinaa yɛɛ tenabea no; wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛɛ ntoma du, kerubim a ɛyɛ ntomanwono mu adwini na wɔde yɛeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn a wɔyɛ adwuma no animdefoɔ nyinaa yɛɛ tenabea no; wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛɛ ntoma du, kerubim a ɛyɛ ntomanwono mu adwini na wɔde yɛeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn a wɔyɛ adwuma no mu komam anyansafo nyinaa yɛɛ tenabea no; wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi yɛɛ ntama du, kerubim a ɛyɛ ntamanwene mu adwinni na wɔde yɛe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn a wonim adwinni pa ara no de asaawa a wɔanwen yɛɛ Ntamadan no nsɛnanotam du a emu bi yɛ tuntum, bibiri ne koogyan a wɔayɛ kerubim agu mu.