Exodus 37:22 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ wɔde siesiee kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa yɛ adeɛ fua a sikakɔkɔɔ amapa a wɔaboro na wɔde yɛeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ne kukuduuduu ne ne nsa no tua ho ara, ne nyinaa yɛ sika amapa a wɔaborɔ bafua.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ne kukuduuduu ne ne nsa no tua ho ara, ne nyinaa yɛ sika amapa a wɔaborɔ bafua.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ne kukuduuduu ne ne nsa tua ho ara, ne nyinaa yɛ sika amapa a wɔaboro no biako.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea wɔde siesiee kaneadua no ne ne nkorata no nyinaa yɛ ade baako a sikakɔkɔɔ ankasa a wɔaboro na wɔde yɛe.