Exodus 37:25 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde okuo na ɛyɛɛ aduhwam afɔrebukyia no. Wɔyɛɛ no ahinanan a ne fa biara susu nsateakwaa dunwɔtwe. Na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn mmiɛnsa a mmɛn a ɛtuatua ne ntweaso ntweaso no nso nyinaa ka bom ma ɛyɛ adeɛ fua.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔde okuo yɛɛ aduhwamhyeɛ no afɔrebukyia, ne tentene yɛ anammɔn baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso bɛyɛ anammɔn baako ne fa, ɛyɛ ahinanan, ne sorokɔ yɛ basafa baako; ne mmɛn nso tuatua ho ara.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔde okuo yɛɛ aduhwamhyeɛ no afɔrebukyia, ne tentene yɛ anammɔn baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso bɛyɛ anammɔn baako ne fa, ɛyɛ ahinanan, ne sorokɔ yɛ basafa baako; ne mmɛn nso tuatua ho ara.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔde ɔkanto yɛɛ aduhuamhyew afɔremuka, ne tenten yɛ anammɔn biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso bɛyɛ anammɔn biako ne fa, ɛyɛ ahinanan, ne sorokɔ yɛ basafa baako; ne mmɛn nso tuatua ho ara.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde ɔkanto na ɛyɛɛ aduhuam afɔremuka no. Wɔyɛɛ no ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa dunwɔtwe. Na ne sorokɔ yɛ basafa baako a mmɛn a etuatua ne ntwea so ntwea so no nso nyinaa ka bɔ mu ma ɛyɛ ade baako.