Exodus 38:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asaawatam a wɔde tuntum, bibire ne koogyan anwono mu fɛfɛɛfɛ na wɔde yɛɛ nnurahotam kataa adihɔ hɔ ɛkwan no ano. Na ne tenten yɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nson ne fa te sɛ nnurahotam a wɔde duraa adihɔ hɔ afasuo no ho no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na adihɔ no aboboano nkataano no yɛ adenwono adwuma a wɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira na ayɛ, na ne tentene yɛ basafa du, na ne sorokorɔ wɔ ne trɛ mu yɛ basafa mmienu ne fa, te sɛ adihɔ no ho ntwamutam no;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na adihɔ no aboboano nkataano no yɛ adenwono adwuma a wɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira na ayɛ, na ne tentene yɛ basafa du, na ne sorokorɔ wɔ ne trɛ mu yɛ basafa mmienu ne fa, te sɛ adihɔ no ho ntwamutam no;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na adiwo no abobow ano nkataano no yɛ adenwene adwuma a wɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira ayɛ, na ne tenten si basafa du, na ne sorokɔ wɔ ne trɛw mu si basafa abien ne fa, te sɛ adiwo no ho mmɔhɔɔ no;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asaawatam a wɔde tuntum, bibiri ne koogyan anwen mu fɛfɛɛfɛ na wɔde yɛɛ nnurahotam kataa adiwo hɔ kwan no ano. Na ne tenten yɛ anammɔn aduasa na ne trɛw nso yɛ anammɔn ason ne fa te sɛ nnurahotam a wɔde duraa adiwo hɔ afasu no ho no.