Exodus 38:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnua ɛnan na na ɛsɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasodeɛ ɛnan a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne mpomma ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na n’adum nnan, ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ nnan, ne nnadewa yɛ dwetɛ, na ne tiri nnuraho ne ne mmeamu yɛ dwetɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na n’adum nnan, ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ nnan, ne nnadewa yɛ dwetɛ, na ne tiri nnuraho ne ne mmeamu yɛ dwetɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na n'adum anan ne ne kɔbere nnyinaso anan, ne nkoropɛe yɛ dwetɛ, na ne ti nnuraho ne ne mmeae nso yɛ dwetɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnua anan na na ɛsensɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasode anan a dwetɛ nkɔtɔkoro ne mfɛnsere ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ.