Exodus 38:27 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Kronkronbea hɔ nnyinasoɔ ɔha ne mpunan a ɛsosɔ ntwamutam no mu no bɛhia dwetɛ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan. Enti nnyinasoɔ biara bɛyɛ dwetɛ kilogram aduasa ɛnan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha no guu kronkronbea no nnyinasoɔ ne ntwamutam no nnyinasoɔ no, nnyinasoɔ ɔha no yɛ dwetikɛseɛ ɔha, dwetikɛseɛ baako yɛ nnyinasoɔ baako.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha no guu kronkronbea no nnyinasoɔ ne ntwamutam no nnyinasoɔ no, nnyinasoɔ ɔha no yɛ dwetikɛseɛ ɔha, dwetikɛseɛ baako yɛ nnyinasoɔ baako.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔde dwetɛ dwetikɛse ha no guu kronkronbea no nnyinaso ne ntwamu mmɔhɔɔ no nnyinaso no, nnyinaso ha no yɛ dwetikɛse ha, dwetikɛse biako yɛ nnyinaso biako.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Kronkronbea hɔ nnyinaso ɔha ne mpuran a esuso ntwamtam no mu no behia dwetɛ kilogram mpem abiɛsa ne ahannan Enti nnyinaso biara bɛyɛ dwetɛ kilogram aduasa anan.