Exodus 38:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔde kɔbere nwonoo afɔrebukyia no ho otwidadeɛ a ɛte sɛ atena de sii adaka a ɛbɛdeda egya adaka no mfimfini.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔnwonoo afɔrebukyia no ho kɔbere mfrafraeɛ ntentan a wɔanwono no sɛ atena, ne bamma no ase firi fam kɔduru mfimfini.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔnwonoo afɔrebukyia no ho kɔbere mfrafraeɛ ntentan a wɔanwono no sɛ atena, ne bamma no ase firi fam kɔduru mfimfini.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔnwenee afɔremuka no ho kɔbere ntontan a wɔanwene no sɛ ɔtan, ne bamma no ase fi fam kodu mfinimfini.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, wɔde kɔbere nwenee afɔremuka no ho twitae a ɛte sɛ atena de sii adaka a ɛbɛdeda ogya adaka no mfimfini.