Exodus 39:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde sikakɔkɔɔ nkawa mmienu sosɔɔ asɔfotadeɛ no mmati ntaresoɔ no mu ma ɛbɛnee abɔwomu a wɔanwono no fɛfɛɛfɛ ne asɔfotadeɛ no ahyiaeɛ so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔyɛɛ sika nkaa mmienu bio de hyehyɛɛ asɔfotadeɛ no afaafa mmienu no so anim fam wɔ aseɛ a ɛbɛn ne ntoaeɛ, asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔyɛɛ sika nkaa mmienu bio de hyehyɛɛ asɔfotadeɛ no afaafa mmienu no so anim fam wɔ aseɛ a ɛbɛn ne ntoaeɛ, asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔyɛɛ sika nkaa abien bio de hyehyɛɛ asɔfotade no afaafa abien no so anim fam wɔ ase a ɛbɛn ne ntoae, nguguso no nkyekyeremu no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde sikakɔkɔɔ nkaa abien susoo asɔfotade no mmati ntareso no mu ma ɛbɛn nkyekyeremu a wɔanwen no fɛfɛɛfɛ ne asɔfotade no ahyiae so no.