Exodus 39:40 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ntwahotam a wɔde twa adihɔ hɔ ɔfasuo ho, ne ɛho nnua a ɛsosɔ mu, nnyinasodeɛ ne ntwahotam a ɛwɔ adihɔ ɛpono ano, ntampehoma ne nnadewa ne biribiara a wɔde boaa Ahyiaeɛ Ntomadan no sie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
adihɔ no ntwamutam, n’adum ne ne nnyinasoɔ ne adihɔ no aboboano nkataano, ne ntampehoma ne ne mpɛɛwa, ne ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no som ho nnoɔma nyinaa;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
adihɔ no ntwamutam, n’adum ne ne nnyinasoɔ ne adihɔ no aboboano nkataano, ne ntampehoma ne ne mpɛɛwa, ne ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no som ho nnoɔma nyinaa;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
adiwo no mmɔhɔɔ, n'adum ne ne nnyinaso ne adiwo no abobow ano nkataano, ne ntampehama ne ne mmofunnua, ne ahyiae ntamadan no tenabea no som ho nneɛma nyinaa;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ntwahotam a wɔde twa adiwo hɔ fasu ho, ne ɛho nnua a esuso mu, nnyinasode ne ntwahotam a ɛwɔ adiwo pon ano, ntampehama ne nnadewa ne biribiara a wɔde boaa Ahyiae Ntamadan no si.