Exodus 39:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Apopobibirieboɔ mmienu a wɔtwa de fomfamm mmati nhoma mmienu no a ɛsɔ asɔfotadeɛ no nkataseɛ no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ twerɛɛ Israelfoɔ mmusuakuo no nyinaa din guu so sɛdeɛ wɔtwerɛ nsateaa so kawa so no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔyɛɛ apopobibire aboɔ a ɛsisi sika nnwinneɛ mu a wɔakurukyire soɔ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ, sɛdeɛ Israel mma din teɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔyɛɛ apopobibire aboɔ a ɛsisi sika nnwinneɛ mu a wɔakurukyire soɔ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ, sɛdeɛ Israel mma din teɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔyɛɛ apopobibiri abo a esisi sika nnwinne mu a wɔakurukyerɛw so nsɔanode nkurukyerɛwee, sɛnea Israel mma din te.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Abo apopobibiri abien a wotwa de femfam mmati ahama abien no a eso asɔfotade no nkataase no mu no, sikakɔkɔɔ na wɔde kyerɛw Israelfo mmusuakuw no nyinaa din guu so sɛnea wɔkyerɛw nsateaa so kaa so no.