Exodus 39:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa aboɔdemmoɔ yi sisi asɔfotadeɛ no mmati so, na ɛyɛ nkaedeɛ de ma Awurade fa Israelfoɔ ho, na wɔyɛɛ ne nyinaa sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no ara pɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔde fam asɔfotadeɛ no mmatiri so sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ aboɔ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔde fam asɔfotadeɛ no mmatiri so sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ aboɔ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔde fam asɔfotade no mmati so sɛ ɛnyɛ Israelfo no nkae abo, sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa abo yi yɛ nkae ade de ma Awurade fa Israelfo ho, na wɔyɛɛ ne nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no ara pɛ.