Exodus 4:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Mose srɛɛ sɛ, “Ao, Awurade, mennim kasa. Ɛbɛsi ɛnnɛ anaa ɛfiri ɛberɛ a wo ne me kasaeɛ mpo no, mʼano nte.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Me deɛ, ɛde bɛsi nnɛ anaa ɛfiri berɛ a wo ne w’akoa kasaeɛ yi, m’ano nte; me kasa yɛ nyaa, na me tɛkyerɛma yɛ duru.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Me deɛ, ɛde bɛsi nnɛ anaa ɛfiri berɛ a wo ne w’akoa kasaeɛ yi, m’ano nte; me kasa yɛ nyaa, na me tɛkyerɛma yɛ duru.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Me de, ɛde besi nnɛ anaa efi bere a wo ne w'akoa kasae yi, m'ano ntew; me kasa yɛ nyaa na me tɛkrɛma nso yɛ duru.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Mose srɛe se, “ Awurade, minnim kasa. Ebesi nnɛ anaa efi bere a wo ne me kasae mpo no, mʼano ntew.”