Exodus 5:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Misraimfoɔ adwumasohwɛfoɔ no kaa Hebrifoɔ mpanimfoɔ a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano sɛ akwankyerɛfoɔ no mmaa, bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ sɛ montwa no nnora ne ɛnnɛ no nyinaa sɛdeɛ na moyɛ kane no?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔhwee Israelfoɔ ahwɛfoɔ a Farao adwumayɛ so ahwɛfoɔ de asisi wɔn soɔ no kaa sɛ: Ɛdeɛn nti na moanwie ntaayaa a wɔahyɛ mo nnɛ ne nnora no nyinaa sɛ akane no?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔhwee Israelfoɔ ahwɛfoɔ a Farao adwumayɛ so ahwɛfoɔ de asisi wɔn soɔ no kaa sɛ: Ɛdeɛn nti na moanwie ntaayaa a wɔahyɛ mo nnɛ ne nnora no nyinaa sɛ akane no?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔhwee Israelfo ahwɛfo a Farao adwumayɛ so ahwɛfo no de asisi wɔn so no kae sɛ: Ɛdɛn nti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ mo no nnɛ ne nnɛra nyinaa, sɛ kan no?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Misraimfo adwumasohwɛfo no kaa Hebrifo mpanyimfo a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano sɛ akwankyerɛfo no mmaa, bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ sɛ muntwa no nnɛra ne nnɛ no nyinaa sɛnea na moyɛ kan no?”