Exodus 6:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Mose kaa sɛ, “Dabi, afei deɛ, me ara me nkurɔfoɔ no rentie asɛm a mɛka biara bio. Na mʼano nso nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na matumi akasa ama atɔ Farao asom?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Mose kasae wɔ AWURADE anim sɛ: Hwɛ, Israelfoɔ ntie me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao bɛtie me a meyɛ ano mu momonoto yi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Mose kasae wɔ AWURADE anim sɛ: Hwɛ, Israelfoɔ ntie me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao bɛtie me a meyɛ ano mu momonoto yi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Hwɛ, Israelfo no ntie me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me a meyɛ ano mu momonoto yi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Mose kae se, “Sɛ Israelfo no rentie me a, ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me, bere a mʼano ntewee yi?”