Exodus 7:24 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Misraimfoɔ no tutuu nsubura wɔ asubɔnten no konkɔn so sɛdeɛ wɔbɛnya nsuo anom, ɛfiri sɛ, na wɔntumi nsa nsuo wɔ asubɔnten no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Misraimfoɔ nyinaa tutuu asuo no ho mmura sɛ wɔrepɛ nsuo anom, ɛfiri sɛ na wɔntumi nnom asubɔntene no mu nsuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Misraimfoɔ nyinaa tutuu asuo no ho mmura sɛ wɔrepɛ nsuo anom, ɛfiri sɛ na wɔntumi nnom asubɔntene no mu nsuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Misraimfo nyinaa tutuu asu no ho mmura sɛ wɔrepɛ nsu anom, efisɛ wontumi nnom asu no mu nsu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Misraimfo no tutuu mmura wɔ asubɔnten no konkɔn so sɛnea wobenya nsu anom, efisɛ na wontumi nnom asubɔnten no mu nsu.