Exodus 9:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔre kɔ Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no sɛ, Hebrifoɔ Awurade Onyankopɔn no se, ma me nkurɔfoɔ nkɔsom me.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua anɔpahema kɔgyina Farao anim, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Ma me man nkɔ nkɔsom me.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua anɔpahema kɔgyina Farao anim, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Ma me man nkɔ nkɔsom me.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua ahema kogyina Farao anim, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn no, se ni: Ma me man nkɔ nkɔsom me.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɔre kɔ Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no se, Hebrifo Awurade Nyankopɔn no se, Ma me nkurɔfo nkɔsom me,