Ezekiel 1:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sei na wɔn anim teteɛ: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, wɔwɔ gyata anim wɔ nifa so, wɔwɔ nantwie anim wɔ benkum so; na wɔn mu biara nso wɔ ɔkɔdeɛ anim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ wɔn anim suban no teɛ nie: Wɔn baanan mu biara wɔ onipa anim wɔ anim; wɔn baanan no wɔ gyata anim wɔ nifa; wɔn baanan no wɔ nantwie anim wɔ benkum; na wɔn baanan no wɔ kɔdeɛ anim wɔ wɔn akyi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ wɔn anim suban no teɛ nie: Wɔn baanan mu biara wɔ onipa anim wɔ anim; wɔn baanan no wɔ gyata anim wɔ nifa; wɔn baanan no wɔ nantwie anim wɔ benkum; na wɔn baanan no wɔ kɔdeɛ anim wɔ wɔn akyi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn anim suban no sɛ ɛte ni: Wɔn baanan no mu biara wɔ onipa anim wɔ anim; wɔn baanan no wɔ gyata anim wɔ nifa; wɔn baanan no wɔ nantwi anim wɔ benkum; na wɔn baanan no wɔ ɔkɔre anim wɔ wɔn akyi;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛɛ na wɔn anim tete: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, wɔwɔ gyata anim wɔ nifa so, wɔwɔ nantwi anim wɔ benkum so; na wɔn mu biara nso wɔ ɔkɔre anim.