Ezekiel 1:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a merehwɛ ateasefoɔ no, mehunuu sɛ ntwahonan si fam wɔ ateasefoɔ a wɔn mu biara anim yɛ ɛnan no nkyɛn mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na merehwɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no, na hwɛ, na nkyimiiɛ baako si asase so wɔ abɔdeɛ ateasefoɔ no nkyɛn mu, anim nnan no mu biara deɛ koro.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na merehwɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no, na hwɛ, na nkyimiiɛ baako si asase so wɔ abɔdeɛ ateasefoɔ no nkyɛn mu, anim nnan no mu biara deɛ koro.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mehwɛɛ ateasefo no, na hwɛ, nkyimii biako si asase so, ateasefo no nkyɛn mu a n’anim yɛ anan;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a merehwɛ ateasefo no, mihuu sɛ nkyimii si fam wɔ ateasefo a wɔn mu biara anim yɛ anan no nkyɛn mu.