Ezekiel 1:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ ateasefoɔ no nante a, ntwahonan a ɛbatabata wɔn ho no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefoɔ no ma wɔn ho so firi fam a, ntwahonan no nso ma wɔn ho so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no nante a, nkyimiiɛ no nso siane wɔn, na sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no ma wɔn ho so firi fam a, na nkyimiiɛ no nso ama ne ho so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no nante a, nkyimiiɛ no nso siane wɔn, na sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no ma wɔn ho so firi fam a, na nkyimiiɛ no nso ama ne ho so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ ateasefo no nantew a, nkyimii no nso siane wɔn, na sɛ ateasefo no ma wɔn ho so fi fam a, na nkyimii no nso ama ne ho so;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ ateasefo no nantew a nkyimii a ɛbatabata wɔn ho no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefo no ma wɔn ho so fi fam a nkyimii no nso ma wɔn ho so.