Ezekiel 1:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ ateasefoɔ no tu tene a, ntwahonan no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefoɔ no gyina a, wɔn nso gyina; sɛ ateasefoɔ no pagya wɔn ho a, ntwahonan no ne wɔn pagya wɔn ho, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ ntwahonan no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔnante a, yeinom nso nante, na sɛ wɔgyina a, yeinom nso gyina, na wɔma wɔn ho so firi fam a, nkyimiiɛ no nso mema wɔn ho so, wɔn nkyɛn mu, ɛfiri sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no honhom wɔ nkyimiiɛ no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔnante a, yeinom nso nante, na sɛ wɔgyina a, yeinom nso gyina, na wɔma wɔn ho so firi fam a, nkyimiiɛ no nso mema wɔn ho so, wɔn nkyɛn mu, ɛfiri sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no honhom wɔ nkyimiiɛ no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
wɔnantew a, ɛnantew, na wogyina a, ɛno nso gyina, na wɔma wɔn ho so fi fam a, nkyimii no nso moma ne ho so wɔn nkyɛn mu, efisɛ ɔteasefo no honhom wɔ nkyimii no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ ateasefo no tu teɛ a nkyimii no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefo no gyina a, wɔn nso gyina; sɛ ateasefo no pagyaw wɔn ho a nkyimii no ne wɔn pagyaw wɔn ho, efisɛ ateasefo no honhom wɔ nkyimii no mu.