Ezekiel 1:22 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ntrɛmu bi wɔ ateasefoɔ no atifi a ɛpa yerɛyerɛ te sɛ nsukyeneeɛ, na ɛyɛ nwanwa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na biribi wɔ abɔdeɛ ateasefoɔ no atifi te sɛ ntrɛmu a ɛte sɛ ahwehwɛboɔ a ɛyɛ nwanwa ani a wɔatrɛ mu akatakata wɔn atifi wɔ soro.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na biribi wɔ abɔdeɛ ateasefoɔ no atifi te sɛ ntrɛmu a ɛte sɛ ahwehwɛboɔ a ɛyɛ nwanwa ani a wɔatrɛ mu akatakata wɔn atifi wɔ soro.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na biribi wɔ ateasefo no atifi te sɛ ntrɛwmu a ɛte sɛ ahwehwɛbo a ɛyɛ nwonwa ani a wɔatrɛw mu akatakata wɔn atifi wɔ soro.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ntrɛwmu bi wɔ ateasefo no atifi a etwa yerɛw yerɛw te sɛ sukyerɛmma, na ɛyɛ hu.