Ezekiel 1:27 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mehunuu sɛ, ɛfiri deɛ ayɛ sɛ nʼasene mu rekɔ ne soro no, na ɔte sɛ dadeɛ a adɔ kɔɔ sɛ ogya a ano asɔ, na ɛfiri hɔ reba ne fam no, na ɔte sɛ egyadɛreɛ; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mehunui, na ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani, ɛte sɛ ogya a emu fam hyia, ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asenem de rekɔ soro, nanso ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asenem de reba fam no, mehunui na ɛte sɛ ogya, na ɛhran twa ho hyia.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mehunui, na ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani, ɛte sɛ ogya a emu fam hyia, ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asenem de rekɔ soro, nanso ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asenem de reba fam no, mehunui na ɛte sɛ ogya, na ɛhran twa ho hyia.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mihui, na ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani, ɛte sɛ ogya emu fam hyia, efi nea ɛte sɛ n’asen so de rekɔ soro, nanso efi nea ɛte sɛ n’asen so de reba fam no, mihui na ɛte sɛ ogya, na ɛharan twa ho hyia;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mihuu sɛ efi nea ayɛ sɛ nʼasen mu rekɔ ne soro no na ɔte sɛ dade a adɔ kɔɔ sɛ ogya a ano asɔ, na efi hɔ reba ne fam no na ɔte sɛ ogyaframa; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia.