Ezekiel 10:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ wɔnam a, wɔn nyinaa de wɔn anim kyerɛ deɛ Kerubim baako de nʼanim bɛkyerɛ. Ntwahonan no nnane wɔn ho ɛberɛ a Kerubim no nam. Kerubim no kɔ tee deɛ etire no anim kyerɛ a ɔnnane ne ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnante a, ɛnam n’afanan so, ɛnnanedane wɔ ne nanteɛ mu, na deɛ etire no hwɛ no, ɛdi akyire saa; ɛnnanedane wɔ ne nanteɛ mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnante a, ɛnam n’afanan so, ɛnnanedane wɔ ne nanteɛ mu, na deɛ etire no hwɛ no, ɛdi akyire saa; ɛnnanedane wɔ ne nanteɛ mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnantew a, ɛnam n’afanan so, ɛnnan ne nantew mu, na nea eti no hwɛ no, edi akyiri sa; ɛnnan ne nantew mu;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ wɔnam a, wɔn nyinaa de wɔn anim kyerɛ nea kerubim baako de nʼanim bɛkyerɛ no; nkyimii no nnan wɔn ho bere a kerubim no nam. Kerubim no kɔ tee wɔ nea eti no anim kyerɛ a ɔnnan ne ho.