Ezekiel 10:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Awurade hyɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no sɛ, “Yi egyasramma firi ntwahonan no mu, firi Kerubim no ase no,” ɔbarima no kɔɔ mu kɔgyinaa ntwahonan no baako ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhyɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Fa ogya firi nkyimiiɛ no ntam, Kerubim no ntam no, ɔkɔɔ mu kɔgyinaa nkyimiiɛ no ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhyɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Fa ogya firi nkyimiiɛ no ntam, Kerubim no ntam no, ɔkɔɔ mu kɔgyinaa nkyimiiɛ no ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhyɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera no sɛ: Fa ogya fi nkyimii no ntam, Kerubim no ntam no, ɔkɔɔ mu kogyinaa nkyimii no ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Awurade hyɛɛ ɔbarima a ofura nwera no se, “Yi nnyansramma fi nkyimii no mu, fi kerubim no ase no,” ɔbarima no kɔɔ mu kogyinaa nkyimii no baako ho.