Ezekiel 10:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Kerubim no mu baako tenee ne nsa hyɛɛ egyasramma a ɛwɔ wɔn mu no mu. Ɔfaa mu bi de hyɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no nsam, na ɔno nso gyeeɛ de firii adi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Kerub no tenee ne nsa firii Kerubim no ntam de kɔɔ Kerubim no ntam gya no ho, na ɔfaa ebi guu deɛ ɔhyɛ nwera atadeɛ no nsam, na ɔgyee de firii adi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Kerub no tenee ne nsa firii Kerubim no ntam de kɔɔ Kerubim no ntam gya no ho, na ɔfaa ebi guu deɛ ɔhyɛ nwera atadeɛ no nsam, na ɔgyee de firii adi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Kerub no teɛɛ ne nsa fii Kerubim no ntam de kɔɔ Kerubim no ntam gya no ho, na ɔfaa ebi guu nea ɔhyɛ nwera no nsam, na ogyei de fii adi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei kerubim no mu baako teɛɛ ne nsa hyɛɛ nnyansramma a ɛwɔ wɔn mu no mu. Ɔfaa mu bi de hyɛɛ ɔbarima a ofura nwera no nsam, na ɔno nso gye de fii adi.