Ezekiel 11:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Onipa ba, wo nua mmarimma, wɔn a wo ne wɔn yɛ mogya baako ne Israel efie nyinaa, nnipa a wɔwɔ Yerusalem kasa fa wɔn ho sɛ, ‘Saa nkurɔfoɔ a wɔkɔɔ nnommum no ne Awurade ntam ɛkwan ware, ɛno enti na wɔde wɔn asase yi ama yɛn sɛ yɛn agyapadeɛ.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Onipa ba, wo nuanom, wo nuanom mpo ne w’abusuafoɔ, ne Israel fie mu nyinaa, ne Yerusalemfoɔ na ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri AWURADE ho nkɔ akyirikyiri, yɛn na wɔde asase yi ama yɛn sɛ yɛnni soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Onipa ba, wo nuanom, wo nuanom mpo ne w’abusuafoɔ, ne Israel fie mu nyinaa, ne Yerusalemfoɔ na ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri AWURADE ho nkɔ akyirikyiri, yɛn na wɔde asase yi ama yɛn sɛ yɛnni soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Onipa ba, wo nuanom, wo nuanom ne wo bogyafo ne Israel fi mu nyinaa na Yerusalemfo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mumfi AWURADE ho nkɔ akyirikyiri, yɛn na wɔde asase yi ama yɛn sɛ yenni so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Onipa ba, wo nuabarimanom, wɔn a wo ne wɔn yɛ mogya baako ne Israelfi nyinaa, nnipa a wɔwɔ Yerusalem kasa fa wɔn ho se, ‘Wɔne Awurade ntam kwan ware, na wɔde saa asase yi maa yɛn sɛ yɛn agyapade.’ ”