Ezekiel 12:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ka kyerɛ wɔn sɛ, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa nkɔmhyɛ yi fa ɔhene babarima a ɔwɔ Yerusalem ne Israel efie a wɔwɔ hɔ nyinaa ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Adesoa yi fa ɔberempɔn a ɔte Yerusalem ne Israel fie a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Adesoa yi fa ɔberempɔn a ɔte Yerusalem ne Israel fie a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Adesoa yi fa ɔberɛmpɔn a ɔte Yerusalem ne Israel fi a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Ka kyerɛ wɔn se, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Saa nkɔmhyɛ yi fa ɔhene babarima a ɔwɔ Yerusalem ne Israelfi a wɔwɔ hɔ nyinaa ho.