Ezekiel 12:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛma abɛbuo yi aso ha ara, na wɔrenka wɔ Israel bio.’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nna a anisoadehunu biara bɛba mu no abɛn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛno nti, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛma abebusɛm yi to atwa, na wɔremmu no Israel mu bio; na mmom kasa kyerɛ wɔn sɛ: Nna no ne adehunu nyinaa asɛm abɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛno nti, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛma abebusɛm yi to atwa, na wɔremmu no Israel mu bio; na mmom kasa kyerɛ wɔn sɛ: Nna no ne adehunu nyinaa asɛm abɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛno nti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛma abebusɛm yi to atwa, na wɔremmu Israel mu bio; na mmom kasa kyerɛ wɔn sɛ: Nna no ne adehu nyinaa asɛm abɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebɛma bɛ yi aso ha ara, na wɔrenka wɔ Israel bio.’ Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nna a anisoadehu biara bɛba mu no abɛn.