Ezekiel 12:28 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ɛno enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Merentwe me nsɛm nkɔ nkyiri bio. Deɛ meka biara bɛba mu, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛno nti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wɔrentwe me nsɛm mu biara nkɔ akyiri bio; asɛm a meka no, wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛno nti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wɔrentwe me nsɛm mu biara nkɔ akyiri bio; asɛm a meka no, wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛno nti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Wɔrentwe me nsɛm mu biara nkɔ akyiri bio; asɛm a meka no, wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Ɛno nti ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merentwe me nsɛm nkɔ kyi bio, nea meka biara bɛba mu, Otumfo Awurade na ose.’ ”