Ezekiel 12:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Fa to wo mmatire so, ɛberɛ a wɔrehwɛ, na afei adeɛ resa a, soa kɔ. Kata wʼanim sɛdeɛ wonhunu asase no, ɛfiri sɛ mayɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ ama Israel efie.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔn anim ara na fa nnoɔma no to wo kɔn ho, na anim biri a, wode afiri adi. Kata w’ani na woanhunu asase no, na mede wo mayɛ nsɛnkyerɛnneɛ mama Israel fie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔn anim ara na fa nnoɔma no to wo kɔn ho, na anim biri a, wode afiri adi. Kata w’ani na woanhunu asase no, na mede wo mayɛ nsɛnkyerɛnneɛ mama Israel fie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔn anim ara na fa to wo kɔn ho, na anim mua a, wode afi adi; kata w’ani na woanhu asase no, na mede wo mayɛ sɛnkyerɛnne mama Israel fi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Fa to wo mmati so, bere a wɔrewɛn, na afei anim biribiri a, soa kɔ. Kata wʼanim sɛnea wunhu asase no, efisɛ mede wo ayɛ nsɛnkyerɛnne ama Israelfi.”