Ezekiel 13:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛdwiri ɔfasuo a mode akaadoo afa ho no na mabubu agu fam ama ne fapem ho ada hɔ. Sɛ ɔfasuo no hwe ase a, wɔbɛsɛe mo wɔ mu, na mobɛhunu sɛ mene Awurade.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mɛdwiri fasuo a mode akaadoo kaa ho no agu ama no aka fam, na ne nnyinasoɔ ada adi, na ahwe ase, na moadwerɛ wɔ mu, na moahunu sɛ, mene AWURADE.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mɛdwiri fasuo a mode akaadoo kaa ho no agu ama no aka fam, na ne nnyinasoɔ ada adi, na ahwe ase, na moadwerɛ wɔ mu, na moahunu sɛ, mene AWURADE.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na medwiriw fasu a mode hyirew sraa ho no agu ma aka fam na ne nnyinaso ada adi, na ahwe ase, na moadwerɛw wɔ mu, na moahu sɛ mene AWURADE.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Medwiriw ɔfasu a mode akaadoo afa ho no na mabubu agu fam ama ne fapem ho ada hɔ. Sɛ ɔfasu no hwe ase a, wɔbɛsɛe mo wɔ mu, na mubehu sɛ mene Awurade.