Ezekiel 13:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘No enti, yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Metia mo ntafowayie dwomfadeɛ a mode sum nkurɔfoɔ afidie sɛ nnomaa no, na mɛtete afiri mo abasa so; mɛgyaa nnipa a mosum wɔn afidie sɛ nnomaa no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne nkaberɛ a mode reyi akra sɛ nnomaa no anya, na mɛtete afiri mo basa ho, na magyaa akra no, akra a moyi wɔn no, ama wɔatutu akɔ sɛ nnomaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne nkaberɛ a mode reyi akra sɛ nnomaa no anya, na mɛtete afiri mo basa ho, na magyaa akra no, akra a moyi wɔn no, ama wɔatutu akɔ sɛ nnomaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne mo nkabere a mode reyi akra sɛ nnomaa no anya, na mɛtetew afi mo basa ho na magyaa akra no, akra a muyi wɔn no, ama wɔatu akɔ sɛ nnomaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mitia mo ntafowayi bansrɛ a mode sum nkurɔfo mfiri sɛ nnomaa no, na mɛtetew afi mo abasa so; megyaa nnipa a musum wɔn afiri sɛ nnomaa no.