Ezekiel 13:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ɛno enti, sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: ‘Mo nsɛm a ɛyɛ atorɔ ne mo nnaadaa anisoadehunu enti, me ne mo anya’, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛnam sɛ moka ahuhusɛm na mohunu atorɔ anisoadeɛ yi nti, hwɛ, me ne mo anya, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛnam sɛ moka ahuhusɛm na mohunu atorɔ anisoadeɛ yi nti, hwɛ, me ne mo anya, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ moka ahuhusɛm na muhu atoro anisoade yi nti, hwɛ, me ne mo anya, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Ɛno nti, sɛnea Otumfo Awurade se ni: ‘Mo nsɛm a ɛyɛ atoro ne mo nnaadaa anisoadehu nti, me ne mo anya’, Otumfo Awurade asɛm ni.