Ezekiel 14:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Israelfoɔ renkwati me bio, na wɔremfa wɔn nnebɔne no ngu wɔn ho fi bio. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
deɛ ɛbɛyɛ na Israel fie amfom kwan amfiri m’akyiri bio, na wɔamfa wɔn mmarato nyinaa angu wɔn ho fi bio, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
deɛ ɛbɛyɛ na Israel fie amfom kwan amfiri m’akyiri bio, na wɔamfa wɔn mmarato nyinaa angu wɔn ho fi bio, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
nea ɛbɛyɛ na Israel fi amfom kwan amfi m’akyi bio, na wɔamfa wɔn mmarato nyinaa anhura wɔn ho bio, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Israelfo renkwati me bio, na wɔremfa wɔn nnebɔne no ngu wɔn ho fi bio. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”