Ezekiel 14:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ mohunu wɔn su ne wɔn nneyɛɛ a, mo bo bɛtɔ mo yam, ɛfiri sɛ mobɛhunu sɛ, menyɛɛ biribiara wɔ hɔ a ɛnni farebae, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ mohunu wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ a, wɔbɛkyekyere mo werɛ, na moahunu sɛ ɛnyɛ ɔkwa na meyɛɛ adeɛ a meyɛɛ no wɔ wɔn mu no nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ mohunu wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ a, wɔbɛkyekyere mo werɛ, na moahunu sɛ ɛnyɛ ɔkwa na meyɛɛ adeɛ a meyɛɛ no wɔ wɔn mu no nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ muhu wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe a, wɔbɛkyekye mo werɛ: Na moahu sɛ ɛnyɛ ɔkwa na meyɛɛ ade a meyɛe wɔ mu no nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ muhu wɔn su ne wɔn nneyɛe a mo bo bɛtɔ mo yam, efisɛ mubehu sɛ, menyɛɛ biribiara wɔ hɔ a enni farebae, Otumfo Awurade asɛm ni.”