Ezekiel 16:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ siesiee wo. Wʼaduradeɛ yɛɛ nwera papa ne ntoma a ne boɔ yɛ den ne deɛ wɔadi mu adwini. Wʼaduane yɛɛ esiam papa, ɛwoɔ ne ngo. Wo ho yɛɛ fɛ na wobɛyɛɛ ɔhemmaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔde sika ne dwetɛ hyehyɛɛ wo ho, na wo ntadeɛ yɛ nwera pa ne serekye ne nkyeremu; esiam ne ɛwoɔ ne ngo na wodiiɛ, na wo ho yɛɛ fɛ pa ara, na wodii yie kɔduruu ahennie mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔde sika ne dwetɛ hyehyɛɛ wo ho, na wo ntadeɛ yɛ nwera pa ne serekye ne nkyeremu; esiam ne ɛwoɔ ne ngo na wodiiɛ, na wo ho yɛɛ fɛ pa ara, na wodii yie kɔduruu ahennie mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wode sika ne dwetɛ hyehyɛɛ wo ho, na wo ntade yɛ nwera pa ne sedaa ne nkyeremu; asikresam ne ɛwo ne ngo na wudii, na wo ho yɛɛ fɛ pa ara, na wudii yiye koduu ahenni mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ siesiee wo, wʼadurade yɛɛ nwera papa ne ntama a ne bo yɛ den ne nea wɔadi mu adwinni. Wʼaduan yɛɛ esiam papa, ɛwo ne ngo. Wo ho yɛɛ fɛ na wobɛyɛɛ ɔhemmea.