Ezekiel 16:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Wofaa wo mmammarima ne wo mmammaa, a me ne wo woo wɔn no kɔbɔɔ afɔdeɛ sɛ aduane maa ahoni. Wʼadwamammɔ no nnɔɔso anaa?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wofaa wo mmabanin ne wo mmammaa a wowo maa me no de wɔn bobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔnni. W’adwamammɔ yɛ ade ketewa,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wofaa wo mmabanin ne wo mmammaa a wowo maa me no de wɔn bobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔnni. W’adwamammɔ yɛ ade ketewa,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wofaa wo mmabanin ne wo mmabea a wowo maa me no de wɔn bobɔɔ afɔre maa wɔn sɛ wonni. So w’aguamammɔ yɛ ade ketewaa,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Wofaa wo mmabarima ne wo mmabea, a me ne wo woo wɔn no kɔbɔɔ afɔre sɛ aduan maa ahoni. Wʼaguamammɔ no nnɔɔso ana?