Ezekiel 16:34 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti wʼadwamammɔ mu no wonte sɛ afoforɔ; obiara mma wo hɔ sɛ yɛ no adɔeɛ. Wo ne wɔn bɔ abira koraa, ɛfiri sɛ wotua ka na obiara mma wo hwee.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti wo deɛ, woyɛ sononko wɔ mmaa a aka no wɔ adwamammɔ mu: Sɛ obi nhyɛ da mmɛpɛ wo ne wo mmɔ adwaman, na wo na woma apɛdeɛ; na wo deɛ, obi mma wo apɛdeɛ, enti na woyɛ sononko no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti wo deɛ, woyɛ sononko wɔ mmaa a aka no wɔ adwamammɔ mu: Sɛ obi nhyɛ da mmɛpɛ wo ne wo mmɔ adwaman, na wo na woma apɛdeɛ; na wo deɛ, obi mma wo apɛdeɛ, enti na woyɛ sononko no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wo de, ɛsono wo koraa ne mmea a aka no, aguamammɔ mu: Sɛ obi nhyɛ da mmɛpɛ wo ne wo mmɔ aguaman, na woma apɛde, na wo de, obi mma wo apɛde, enti na ɛsono wo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti wʼaguamammɔ mu no wo nte sɛ afoforo; obiara mma wo hɔ sɛ yɛ no adɔe. Wo ne wɔn bɔ abira koraa, efisɛ wutua ka na obiara mma wo hwee.