Ezekiel 16:36 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ. Esiane sɛ wohwie wʼahonya guiɛ na wodaa wʼadagya adi, wo ho a woma ɛyɛɛ wo dɛ dodo wɔ wo ne wʼadɔfoɔ nhyiamu, wʼahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ na afei wo mma mogya a wode maa wɔn no enti,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔhwiee wo ho fi guiɛ, na wɔayi w’adagya soɔ, w’adwamammɔ mu, ama w’akyiwadeɛ abosonhunu no nyinaa ne wo mma a wode wɔn maa wɔn no mogya nti,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔhwiee wo ho fi guiɛ, na wɔayi w’adagya soɔ, w’adwamammɔ mu, ama w’akyiwadeɛ abosonhunu no nyinaa ne wo mma a wode wɔn maa wɔn no mogya nti,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ woahwere w’ade, na woayi w’adagyaw so, w’aguamammɔ mu, ama w’adɔfo, ne w’akyide abosonhunu no nyinaa, ne wo mma a wode wɔn maa wɔn no mogya nti,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛɛ na Otumfo Awurade se. Esiane sɛ wuhwie wʼahonya gui, na wodaa wʼadagyaw adi, wo ho a woma ɛyɛɛ wo dɛ dodo wɔ wo ne wʼadɔfo nhyiamu, wʼahoni a ɛyɛ akyiwade na afei wo mma mogya a wode maa wɔn no nti,