Ezekiel 16:41 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔbɛhyehye wʼafie na wɔatwe wʼaso wɔ mmaa bebree anim. Mɛtwa wʼadwamammɔ no so na woagyae akatua a wotua wʼadɔfoɔ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔde ogya ahye w’adan, na wɔde w’atemmuo mu adeɛ ayɛ wo, mmaa bebree ani so, na mama woagyae adwamammɔ; na akyɛdeɛ nso, worenkyɛ bio.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔde ogya ahye w’adan, na wɔde w’atemmuo mu adeɛ ayɛ wo, mmaa bebree ani so, na mama woagyae adwamammɔ; na akyɛdeɛ nso, worenkyɛ bio.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wɔde ogya ahyew w’adan, na wɔde w’atemmu mu ade ayɛ wo, mmea bebree aniwa mu, na mama woagyae aguamammɔ; na akyɛde nso, worenkyɛ bio.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔbɛhyehyew wʼafi na wɔatwe wʼaso wɔ mmea bebree anim. Metwa wʼaguamammɔ no so na woagyae akatua a wode ma wʼadɔfo no.