Ezekiel 16:49 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Yei ne bɔne a wo nuabaa Sodom yɛeɛ: Ɔno ne mmammaa yɛɛ ahantan. Wɔdidi traa so na hwee amfa wɔn ho, wɔammoa ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwɛ, yei ne wo nuabaa Sodom amumuyɛ no: Ahantan, adidimeeɛ ne yiedie dwoodwoo mu na ɔno ne ne mmammaa tenaeɛ, na mmɔborɔni ne ohiani nsa deɛ, wansɔ mu;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwɛ, yei ne wo nuabaa Sodom amumuyɛ no: Ahantan, adidimeeɛ ne yiedie dwoodwoo mu na ɔno ne ne mmammaa tenaeɛ, na mmɔborɔni ne ohiani nsa deɛ, wansɔ mu;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hwɛ, eyi ne wo nuabea Sodom amumɔyɛ no: Ahantan, didimee ne yiyedi dwoodwoo mu na ɔno ne ne mmabea tenae, na ɔbrɛfo ne ohiani nsa de, wanso mu;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Eyi ne bɔne a wo nuabea Sodom yɛe: Ɔno ne ne mmabea yɛɛ ahantan, wodidi traa so na hwee amfa wɔn ho, wɔammoa ahiafo ne mmɔborɔfo.