Ezekiel 16:55 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wo nuammaa Sodom ne ne mmammaa, Samaria ne ne mmammaa bɛsane akɔ wɔn tebea dada mu, na wo ne wo mmammaa nso bɛsane akɔ mo dada mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wo nuammaanom, Sodom ne ne mmammaa bɛsane aba wɔn kane dibea mu, na Samaria ne ne mmammaa bɛsane aba wɔn kane dibea mu, na wo nso wo ne wo mmammaa bɛsane aba mo kane dibea mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wo nuammaanom, Sodom ne ne mmammaa bɛsane aba wɔn kane dibea mu, na Samaria ne ne mmammaa bɛsane aba wɔn kane dibea mu, na wo nso wo ne wo mmammaa bɛsane aba mo kane dibea mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wo nuammeanom, Sodom ne ne mmabea bɛsan aba wɔn kan dibea mu, na Samaria ne ne mmabea bɛsan aba wɔn kan dibea mu, na wo nso ne wo mmabea bɛsan aba mo kan dibea mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wo nuabeanom Sodom ne ne mmabea, Samaria ne ne mmabea bɛsan akɔ wɔn tebea dedaw mu, na wo ne wo mmabea nso bɛsan akɔ mo dedaw mu.