Ezekiel 16:57 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
kɔsi sɛ wʼamumuyɛ ho daa hɔ. Ɛbɛsi ɛnnɛ Edom mmammaa bɔ wo ahohora, wɔne wɔn a atwa wɔn ho ahyia ne Filistifoɔ mmammaa, ɛne wɔn a atwa wo ho ahyia a wɔbɔ wo ahohora nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ansa na wɔreyi wo bɔne adie, sɛ ɛberɛ a Siria mmammaa ne wɔn a wɔtwa ne ho hyia nyinaa, Filistifoɔ mmammaa a wɔyi wo ahi no sopaa wo, afa nyinaa no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ansa na wɔreyi wo bɔne adie, sɛ ɛberɛ a Siria mmammaa ne wɔn a wɔtwa ne ho hyia nyinaa, Filistifoɔ mmammaa a wɔyi wo ahi no sopaa wo, afa nyinaa no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ansa na woyii wo bɔne adi, sɛ ɛbere a Siria mmabea ne wɔn a wotwa no ho hyia nyinaa, Filistifo mmabea a wɔtew wo ahi no sopaa wo, afa nyinaa no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
kosi sɛ wʼamumɔyɛ ho daa hɔ. Ebesi nnɛ Edom mmabea bɔ wo ahohora, wɔne wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia ne Filistifo mmabea; wɔn a wɔatwa wo ho ahyia a wɔbɔ wo ahohora nyinaa.