Ezekiel 17:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbuu apam no so, nam so de too ntam no. Esiane sɛ ɔde ne nsa ahyɛ apam no ase na ɔyɛɛ yeinom nyinaa enti, ɔremfa ne ho nni.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛfiri sɛ wammu ntam no na ɔbuu apam so; na hwɛ, wadi nse, nanso wayɛ yeinom nyinaa. Ɔremfiri mu mfi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛfiri sɛ, wammu ntam no na ɔbuu apam so; na hwɛ, wadi nse, nanso wayɛ yeinom nyinaa. Ɔremfiri mu mfi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Efisɛ wammu ntam no, na obuu apam no so; na hwɛ, wadi nsew, nanso wayɛ eyinom nyinaa; ɔremfi mu mfi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obuu apam no so, nam so de too ntam no. Esiane sɛ ɔde ne nsa ahyɛ apam no ase na ɔyɛɛ eyinom nyinaa nti, ɔremfa ne ho nni.