Ezekiel 17:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mete ase yi, mɛma me ntam a ɔtooɛ, ne mʼapam a ɔbuu so no abɔ ne tiri so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara, me ntam a wammuo ne m’apam a wabu soɔ no na mede bɛbua n’atifi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara, me ntam a wammuo ne m’apam a wabu soɔ no na mede bɛbua n’atifi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ mete ase yi, ampa ara, me ntam a wammu ne m’apam a wabu so no na mede mebua n’atifi;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ mete ase yi, mɛma me ntam a ɔtoe, ne mʼapam a obuu so no abɔ ne ti so.