Ezekiel 17:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na ɛfefɛ bɛyɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛ fam. Ne mman no danedane kyerɛɛ ne so, na ne nhini no nyini kɔɔ fam. Enti ɛbɛyɛɛ bobe yiyii mman a ɛso wɔ nhahan a ɛyɛ fɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛfifirii yɛɛ bobe a ɛdennaneeɛ a ɛhwihwa fam ma ne mman tenetene baa ne ho, na ne nhini wɔ n’ase; na ɛyɛɛ bobe na ɛyiyii mman na ahahan baa so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛfifirii yɛɛ bobe a ɛdennaneeɛ a ɛhwihwa fam ma ne mman tenetene baa ne ho, na ne nhini wɔ n’ase; na ɛyɛɛ bobe na ɛyiyii mman na ahahan baa so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na efifii yɛɛ obobe a ɛdannan a ehuhua fam ma n’abaa teɛteɛ baa ne ho na ne ntini wɔ n’ase; na ɛyɛɛ obobe na eyiyii abaa na ɛfefɛw ahaban.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na ɛfefɛw bɛyɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw wɔ fam. Ne mman no dannan kyerɛɛ ne so, nanso ne ntin no nyin kɔɔ fam. Enti ɛbɛyɛɛ bobe yiyii mman a so wɔ nhaban a ɛyɛ fɛ.