Ezekiel 17:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Nanso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho wɔ ntakra bebree wɔ hɔ. Bobe no danee ne nhini firii beaeɛ a wɔduaa no hɔ kyerɛɛ ɔkɔdeɛ no na ɔtrɛɛ ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsuo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi wɔ hɔ, ne ntaban akɛseakɛse, na ne ntakra bebree. Na hwɛ, bobe no firi n’akofie a wɔtɛɛ no wɔ mu no mu tentene, ne nhini kɔɔ ne fam, na ɛyiyii ne mman kɔɔ ne so, sɛ ɔmma no nsuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi wɔ hɔ, ne ntaban akɛseakɛse, na ne ntakra bebree. Na hwɛ, bobe no firi n’akofie a wɔtɛɛ no wɔ mu no mu tentene, ne nhini kɔɔ ne fam, na ɛyiyii ne mman kɔɔ ne so, sɛ ɔmma no nsuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso ɔkɔre kɛse bi wɔ hɔ, ne ntaban akɛseakɛse, na ne ntakra bebree; na hwɛ, saa bobe no fi n’akofi a wɔtɛwee wɔ mu no mu tentenee ne ntini kɔɔ ne fam, na oyiyii n’abaa kɔɔ no so, sɛ ɔmma no nsu. Efi beae a wɔtɛwee no
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Nanso na ɔkɔre kɛse foforo bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho wɔ ntakra bebree wɔ hɔ. Bobe no dannan ne ntin fii beae a woduaa no hɔ kyerɛɛ ɔkɔre no na ɔtrɛw ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsu.