Ezekiel 17:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛbɛyɛ yie anaa? Wɔrentu nʼase ntete ne so aba ma ɛntwintwam anaa? Deɛ afefɛ wɔ ho nyinaa bɛtwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na watu nʼase.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛbɛyɛ yie? Ɔrentutu ne nhini, na ɔntwitwa n’aba na atwintwam? Ahahan a ɛfefɛeɛ no nyinaa bɛtwintwam, na ɛnyɛ basa kɛseɛ anaa ɛdɔm bebree na wɔde bɛsɔ ne nhini mu atu no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛbɛyɛ yie? Ɔrentutu ne nhini, na ɔntwitwa n’aba na atwintwam? Ahahan a ɛfefɛeɛ no nyinaa bɛtwintwam, na ɛnyɛ basa kɛseɛ anaa ɛdɔm bebree na wɔde bɛsɔ ne nhini mu atu no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So ɛbɛyɛ yiye? So ɔrentutu ne ntini na n’aba, entwintwam? Ahaban a ɛfefɛwee no nyinaa betwintwam, na ɛnyɛ basa kɛse anaa dɔm bebree na ehia sɛ wɔde beso ne ntini mu atu no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛbɛyɛ yiye ana? Wɔrentu nʼase ntetew ne so aba mma entwintwam ana? Nea afefɛw wɔ ho nyinaa betwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na wɔatu nʼase.